Museke,

Meaning Of "Obrafuor - Bra Bɛ Hwɛ"

Understand "Ɔbrafoɔ - Bra Bɛ Hwɛ".

"Obrafuor - Bra Bɛ Hwɛ" is a song.
The language of the song is Akan.

Meaning

Bra Bɛ Hwɛ means come and see.
Ɔbrafoɔ advertises himself.

Words.

Hwie bi ma me
Mike? call, Hwan a, Hammer
One for the master, one for the boy
Fa baako ma papa no
Fa baako ma ne ba no
Verse 1
Deɛ adikan, ɛho sɛ ne ne suban
Ɛyɛ suban pa anaa ɛyɛ gyangyan
Rastaman, sɔfoɔ, mempɛ ahantan
Mɛka nokwarɛ, mopɛ a, monfa me ho tan
Mente gyae, kasahare mu asaase aban
Ɛto Nyame, ɛnyɛ tuo, agyan ne sekan
Wode kokromotie kɔ ayie a, sotorɔ gya wo kwan
Adwen bɔne, asamando wobɛdi kan
Ɛto na ɛyɛ den a, Nyame na ɛbo me ho ban
Santan, ɛte sɛ ananse ntentan
Twintwan, ɛkyerekyere wo a, gye sɛ afe dan
Nson, nsia, anum, ɛnan
Mmiɛnsa, mmienu, baako, m'ato topaɛ
Hiroshima hmm, yɛammɔ mo nkaɛ
Nea ɔde n'adeɛ, de bɛnkum na ɛgyeɛ
Obi bɛ seɛ, deɛ odwan pɛ na ɛka weɛ
Gyina, stop, look, hwɛ, twɛn, cause
The line for you front, nobody for cross
Yɛahye, Mr. Tipper bi se, ɔyɛ boss
Woate, gyamera ɔkaasɛ ɛnnɛ yɛ nnora
Wei na menhuu bi da, sakora
Owura, now check your speedometer
Ɔbrafoɔ, wodi m'akyi a, wo engine bɛbɔ
Me nnwom, I swear, Roman father bɛtɔ
Jack, make I give you correct apɔ
Nyansa, yɛde wo, yɛnkɔ nkɔtɔ
No lie, ankwerɛ hunu na ɛyɛ dede
Wopɛ kɔɔkɔɔ ahunu a, ɛneɛ wo gyegyedwire
Chorus 2x
Bra, bra bɛ hwɛ
Nonko nwi ne abɔdwesɛ
Obi Maame awo ne ba (Ei, ei ei saa)
Akosua Mansa, mobɛfa me la
Verse 2
Ɛyo, nea ɛtɔ so mmienu
Ɛmma w'akoma ntu
Yɛnam montwi monka ɛnso yɛbɛduru
Y'ati yɛ, akyɛdeɛ yi, yɛntua tɛ pɛn
Wo sika sua, ɛnso Nana Nyame kwadu
Kɔmfo adu, tena se na membɔ wo mu
Mpanin se yɛfomfum, nanso yɛnfom dwa
Sɛbe, akwadaa a, ɔmma ne maame nna
Sɛbe, bɛntoa nso mpa ne to da
Obi redi dollar, ɛnso ɔnyɛ bɔga
Obi nso, bankye yɛ no dɛ sen pona
Ɔbofoɔ bi a, menim no, se anka
Ɛbɛkɔ goal deɛ, ɛnkɔ corner
Adwen, te sɛ mpaboa size, obiara ne ne deɛ
Sɔfoɔ, anumdwa, yɛ m'akyiwadeɛ
Wopɛ deɛn, din pa anaa ahonyadeɛ
Di yɛn anim, na yɛnhu na yɛdi ho adanseɛ
Wonsuro a, Jack, bie w'ani na fahwɛ adeɛ
Musuo de krɛmuo rekɔ, ɔse w'agya ne kyɛ
Wokɔ dwa a, tɔ ade pa, ɛnhwɛ ne fɛ
Menim adeɛ baako a, yɛn nyinaa ara bɛtumi ayɛ
Sɛ yɛkata y'ani a, yɛbɛhu y'ano kwan
Merewɔ fufuo, na morenom ho nkwan
Daabi, me nua, ɛno deɛ ɛmma so
Asɛm bi ha wo a, kafiri wo bo
Etuo to a, Jack, ɛtwere barima bo
Krakra yi mpo, hwɛ sɛ deɛ, moabobo
Class one papa, mo ti to
Motwi mu mu tann, ɛnnɛ mɛbɔ so
Yɛanwo obiara a, microphone da n'ano
Insha Allahu, w'anka no yie a, mɛte wo to
Ɛno na ɛda hɔ no, kɔtwa po
Jack kɔtwa po

Repeat Chorus till fade

© Obrafour

<< Last | Next >>