benjygh,

Bebree

Chorus 2x
Bebree na wayɛ ama me afe yi mu, me Nyame e, aseda yɛ wo dea
Bebree na wayɛ ama me afe yi mu, d'agya Nyame, aseda nka wo din daa
Bebree (5x), na wayɛ ama me afe yi mu
Bebree na wayɛ ama me afe yi mu, d'agya Nyame, aseda nka wo din daa

Verse 1 2x

Sɛ mekae adom ne adɔyɛ a, wayɛ ama me afe yi mu o
Me wura Yesu e, mentumi menna w'ase nwie o
Wo bambɔ pa, new o nhwɛso pa, nti n'ama mete sɛdeɛ meteɛ yi
Mekɔda yɛ no medae, na mɛsɔre no na wobaatansa na so, kura me mu yie
Ɛno nti mɛkOso abɔ wo abɔdin o!
Sɛ, woyɛ Nyame kann, nokware Nyame ne wo o
Wo nokware deɛ nti n'ama me ohiani ɛnnɛ mayɛ ɔdefoɔ o
Ɛnti sɛ ɛnnɛ mete ase a, m'asɛm ne sɛ aseda nka wo din daa daa
Bebree (3x), na wayɛ o
Bebreebe na wayɛ ama me, nti mɛda w'ase daa

Repeat Chorus 2x

Verse 2
Katakyie e, nneɛma pa wayɛ ama me no
Sɛ manna w'ase a, Yesu e, ɛnyɛyie o
Ɔbonsam hyehyɛɛ bebree o, wɔ m'abrabɔ yi mu
Animguaseɛ ne ahokyerɛ, ɛtɔda a, deɛ mɛdi mpo na ɛho ayɛ den ama me
Yarebɔne ne mpatuwuo, awerɛhoɔ ne nkɔda nna
Nanso wo Nyankopɔn a, nea woka n'aba mu
Nea wopɛ nso na woyɛ na nea wohyɛ nso na ɛgyina
W'ahyɛ me anuonyam ɛnti mɛkɔso mabɔ wo abɔdin daa, dadaa
Bebree (6x), na wayɛ o
Bebreebe na wayɛ ama me nti, mɛda w'ase daa daa, hey hey!

Repeat Chours till fade

© Daughters of Glorious Jesus