benjygh,

Wo ntaban

Chorus 2x
Awurade e, Awurade yei ei!
Wo ntaban ase na mɛtena daa, a
Wo nwunu ase na mɛtena daa, a
Wo ne m'ahintabea
Ɛnti fa me sie e, wo ntaban n'ase
Ao Jesus, ɛnti fa me sie e, wo ntaban n'ase

Verse 1 2x

Ɔbonsam hwehwɛ me a, ɔnhunu me
Ɔpɛ me bɔne nsoa ɔnya me da
Ɛfiri sɛ mehyɛ Jesus ntaban ase
Afei woabɛ yɛ me han ɛne me nkwagye
Ɔno na wayi me ɛfiri owuo yi menam yi mu
Ɛnti mɛda w'ase, Awurade (me wura) ei, mɛyi w'ayɛ da
Ao Jesus, ɛnti mɛda w'ase o
Agyenkwa e, mɛyi w'ayɛ daa

Repeat Chorus 2x

Verse 2 2x
Ɛnti me nua wotie me, hwehwɛ ntaban pa, bi n'afa wo ho kɔhyɛ aseɛ
Hwehwɛ asomdwoe nwunu no, n'afa kɔhinta aseɛ
Ɛfiri sɛ ɔbɔnefo no n'ani abre, hwehwɛ wo akɔ owuo ne ɔsɛeyɛ mu
Ɛnti dwane bra bɛhyɛ Jesus ntaban n'ase
Ao me nua e, dwane bra bɛhyɛ
Dwane bra bɛhyɛ Tweduampɔn nwunu n'ase o, ne ntaban n'ase
Me nua e!

Repeat Chorus till fade

Ɛnti fa me sie e, wo ntaban n'ase

© Daughters of Glorious Jesus