kasahorow English

Nea yehu yi

Chale, date(2006-2-26)-date(2024-9-19)

Hook
Nea worehu yi o (3x)
Ɛmma no mmu w'abɛn mu da
Nea worete yi o (3x)
Ɛmma no mmu w'abɛn mu da

Chorus
Nea yɛhu yi, nea yɛhu yi a, ɛntumi mmu y'abɛn mu da o (2x)
Nea yɛte yi, nea yɛte yi a, ɛntumi mmu y'abɛn mu da o (2x)

Verse 1 2x
Onua deɛbɛn na woahu na ama woakoto brɛbrɛ yi o
Ana deɛbɛn na woateatea, agya wo adwendwen yi o
Adɛn wowirɛfi anaa na ɔse yɛnfa yɛ dadwen ɛne yɛ haw nyinaa ara nto ne so o
Ɛyɛ abaho anaa, anhoma mu anaa, asɛm bɛn a akyere wo so a, wonni Ɔkamafoɔ
Ɛyɛ fie mu nsɛm ana, wo deɛ nya akoma tɔ wo yam
Ɛfiri sɛ yɛwɔ Nyankopɔn bia ɔno ni akokyɛm o
Mese, ɔbetwitwa agye wo o ama woaka sɛ nea worehu yi
Nea worehu yi a, ɛntumi mmu y'abɛn mu da o

Repeat Chorus 2x

Verse 2
Mese, wɔahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔka yɛn ho wɔ adibrɛ mu o
Ɛne yɛn nfibɛmu a
Mese, ɔbɛtwetwa agye wo o, w'anisuo bɛdane wo sereɛ
W'anisuo bɛdane wo sereɛ
Mese, wɔahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔka yɛn ho wɔ adibrɛ mu o
Ɛne yɛn nfibɛmu a
Mese, ɔbɛtwitwa agye wo o, w'awaresɛm bɛyɛ yie
W'anisuo bɛdane wo sereɛ

Repeat Hook 2x

Repeat Chorus till fade

© Daughters of Glorious Jesus

Share | Original