Chale,

Yese hmm (freedom of speech II)

Intro
My government, the NPP government is a government for the people of Ghana
I will ensure there is freedom of speech to the fullest
Ɛnti, hwɛ w'asetena mu na to aba mu NPP

This country would no longer tolerate disappointment
Wɔnfa nyansa, nyansa ɛnto aba no ɛmma NDC
Amedze mepɛ asomdwe

Kuro no mu ayɛ dzen dodo, ɔwɔ dɛ yɛdomesticate no
Wɔnto aba mma GCPP na ɛkɔm dze yɛn dodo

Chorus
Deɛ mobɛka, biara yɛse hmm (3x)
Yɛnka hwee, yɛde y'asɛm ama kokromoti
Yɛretwen ama moato o

You gotta vote for the PNC

Verse 1
Politicians, mo nyinaa, monsa line
Wopɛ sɛ yɛto aba mo deɛ a, bɛsa line
Ɛfiri sɛ afe wei, yɛnmma mo nyɛ yɛn lie
Kakro ne mɔnkyɛ na modeyɛ yɛn lie
Yɛto ma mo wie pɛ, na moakɔtena nkran
Mo constituency koraa, you no dey mind
Ɛndɛ, merema mo nyinaa 5 minutes
Monkyerɛ yɛn deɛ nti a, yɛnto aba no mma mo
Monyɛ no ntɛm, morekyɛ, hey, mepɛ ntɛm
Mo koraa, moayɛ lucky, campaign for free
Afe a, yasi mu yi, morebɛyɛ dede
Abatoɔ rebɛso, morebɛdwa mo anum
Ɛfiri Kwame Nkrumah so, bɛsi nnɛ
Politicians, moreba a, gidigidi
79, soldier foɔ, gidigidi
Reconciliation, nsɛm bebree
Obi wɔ cement, wobɛte no yaku no
Cement oh, cement oh, cement
Obi bɔɔ bosea, 50000
Yakuu no o, me na meseɛ, yakuu no
You can't stop me, gyae ma menka
You can't domesticate my mind
Don't cause financial loss to the uncle
Obi dii 50000, yanku no
Ɛnso ɛndɛ monhwɛ, obi retɔ adze
Ɛnso ɛndɛ monhwɛ, cars ɛne adan
NPP foɔ, nso saa, gidigidi
VAT nyɛ o, momma yɛnka o
Ku me prɛko, yɛn nyinaa, yɛbɛwu o
Nanso ɛnnɛ, VAT, yasan ato mu
Ministers dɔɔ so, yɛbɛyi bi ɛfiri mu
Ɛnso ɛndɛ, more than before
Ghanaman, yɛn nyinaa, yɛka ho o
Biribi ba a, yɛn nyinaa yadi akyire
Junior Jesus, let the blood flow
Woanka bi a, ma wo nsa so
One man, one bullet, sɛ na mope
Nanso ɛndɛ, yɛreka a, obiara ka bi
Ɔmanbapa, hwɛ, bie w'ani
Hwɛ party a ɛbɛboa ɔman mpuntuo
Ɛmma yɛnfa kakro ne mɔntua nnaadaa wo
Politician, wo nso, nya aboterɛ
Bɔhyɛ akɛseɛ, ɛyɛ a, ɛnhyehyɛ
Ɛduru wo mmerɛ so a, Nyame bɛkyerɛ
Ɛmma anuonyampɛ nyɛ wo dɛ
Kofi Wayo, wo sei, nya aboterɛ
Nsɛm a, woka nyinaa yɛ nokwarɛ
Nanso, Kofi, ɛyɛ a, nya aboterɛ
Wonim nyansa, aane, yɛgye tu mu
Wowɔ sika a, aane, obiara nim
Nanso, wo sika, wo nko ara na wodi
Amanmuo te sɛ, yɛreto dame
Wogyina akyire hwɛ a, asɛ ɛnyɛ den
Wotena ase a, wonhu nea, wonyɛ yi a
Ɔmanpanyin Kuffour, ɔbɔ mmɔden
Ɛnyɛ no a, nnwom wei, meyɛ dɛn, mɛbo
Nsɛmtwerɛfoɔ, mo nso monyɛ ahwɛyie
Wote obi asɛm a, ɛyɛ a, hwehwɛ mu
Don't take advantage of freedom of speech
Animguaseɛ yɛ ya, momma menka
Soldiernii wo nso, hey, yɛ disciplined
Follow the constitution and be free (left, right, left, right)
Ɛmma obiara nfa ne sika mmɛdaadaa wo
Ɛntwe tuo, hwɛ, menyɛ coup
Ɔman bɛbɔ hu, nipa bɛwuwu
W'abusua foɔ nyinaara bɛtumi awu
Ɛyɛ a, kae kae, General Guei anaa sɛ Saddam Hussein
Ɛyɛ a, monkae Charles Taylor
Ne soldiers, bebree awuwu
Nanso ɛndɛ, ɔte alata a, ɔrewe chicken
Wopɛ president a, to party
Yɛhwɛ na sɛ yɛpɛwo a, yɛbɛto ama wo
Aba a, yɛrebɛto yi, Awurade
Yɛsrɛ wo ara, ma no nyɛ asomdwe
Yɛnni sika na sɛ yɛwɔ asomdwe a, yɛpɛ
Yɛnfa ɔdɔ, tsema, nyamesuro
Obiara nhunu sɛ, Ghana yɛ Nyame kuro mu
Basabasa deɛ, oh no
In Jesus name, oh no

Chorus
Deɛ mobɛka biara yɛse hmm, NDC foɔ ei
Deɛ mobɛka biara yɛse hmm, NPP
Deɛ mobɛka biara yɛse hmm
Yɛnka hwee, yɛde y'asɛm ama kokromoti
Yɛretwen ama moato o

Verse 2
NDC foɔ te kuro mu ha, na ɛreyɛ dede
Adeɛ yi, mokasa a, obiara ngye mo VAT
Mo ara na momaa Ghana kɔɔ HIPC (meboa?)
20 years, foko, moanyɛ hwee
Mo mo bi nom, kɛtɛasehyɛ, krɔnoo
Adeɛ yi, mo papa, wadane boxer
Paul Gyamfi, yɛse wakɔto blow
Mekasɛ Paul Gyamfi a, sɛ monim
Dr Dr, Dr Boom
Bruce Lee, the kick boxer
Bisa Arkaah, na ɔmma wo answer
The lie detector engineer
Ghana's ambassador to Antoa Nyanma
The Chemical Interrogator
Oh, Atta, wei deɛ, by the way
Yɛse wabrɛ nso paa, sikadie
Mo, moyɛ bad paa
Mode cash no nyinaa atwa mo anum
Ɛne mo wives, ɛne mo girls
Ɛne mo cars, ɛne mo adan
Moredi no, sɛ moamma yɛn bi
Afei na yɛnto aba no mma mo
Montu mmirika nfrɛfrɛ mo wives
Ɛne mo girls, ɛne no cars, ɛne mo adan
Na ɔmo nto aba no mma mo
Mopam kwasea no
Sɛbe o, ɛnyɛ, yɛn afikyire na morebɛkye no
20 million dollar, na ayera
1.5 million, ɔbi adi
Motontɔn ɔman agyapadeɛ basabasa
Tony Aidoo nyinaa baa bi, na watwe tuo
Ɔmanpanyin ne ne gang butuu taxi
Castle, ɛhɔ na yɛtwa ponk
Akoa bi te wiase, nsuro Nyame
Paul Gyamfi ba, na ɔyɛɛ no lie
(A-Plus, mengyaagyae, nka maku no)
To w'adwen mu
Harmattan, ei, to w'adwen mu
Ɔte kuro mu ha, ɔnyɛɛ obiara lie da
Atwamena biara suro a, yɛanda
Me ne boy no a, anka, mɛnyem no
Sɛ wonim, me tuo nso deɛ, ɛbɔbɔ
Peo, peo, na ɛhyɛ mu
31st, mo na moseɛ NGO
Yɛse sɛɛna ɛyɛ company o
Limited liability company o
PNDC, account no ɛwɔ he?
Citizens vetting committee, sɛ mokae
Account no 48, ɛwɔ he?
NPP fɔɔ kɔka a, mose hey!
Ɛnti 2004 yi, mobɛyɛ dɛn
Asɛm foforɔ bɛn paa na mobɛka
Onyankopɔn deɛ, ɔnyɛ n'adeɛ kwa
Nebuchadnezzar, ɔde no kɔɔ bush
Ɔnkɔtena hɔ, na ɔnsua lesson
NDC foɔ, saa na wayɛ mo
Mokɔɔ opposition, sɛ moasua mo lesson
Afei sɛ moba a, mobɛyɛ ahwɛyie
Mobɛhu sɛ, Ghanaman, ɛnyɛ mo deɛ

Chorus
Deɛ mobɛka biara yɛse hmm, CPP foO ei
Deɛ mobɛka biara yɛse hmm, Paul Gyamfi
Deɛ mobɛka biara yɛse hmm
Yɛnka hwee, yɛde y'asɛm ama kokromoti
Yɛretwen ama moato o

Repeat Chorus 2x

Verse 3
NPP, sɛ ɛyɛ mo dɛ, mo ani agye
Ɔrewenn, ɔrewenn, hwɛ sɛ ɔresere
Abaa a yɛdebɔɔ Takyi, yɛdebɛbɔ baa
2004, mobɛbu nkontaa
Moafi aseɛ, retotɔ cars ɛma mmaa
Akwantuo deɛ, mofa no kwa
Ɔmanpanyin Kuffour, wei deɛ, mesrɛ meka
Aniguamseɛ nfata kanii ba
Wo nkrɔfoɔ no bi, reyɛ nneɛma ɛnfata
Obi de 2 years asi dan 2
Modei 8 years a, ɔbɛsi 8
Old man, mesrɛ wo, bie w'ani
Yɛdidi gu w'abɔdwesɛ mu a, ɛyɛ ya
Ofei Darko sei, woabuuku place
Nsawam Prison, aka ne date
Wakɔɔso financial loss to the state
2 million, bɔɔla kyɛnsen, ɔwɔ case
IFC loan, yɛse sɛɛ moboa
Sahara, kamɔɔtow kaban
Oil nam po so ara, yɛse ayera
Yɛnkɔte nkɔte a, yɛasan de aba
Opposition foɔ ei, mowɔ hɔ a?
Mombie so, na aabi a, pure water na ɛwɔ mu
Ama Benyiwaa Doe, mewɔ hɔ o
Mebuee do hwɛɛyɛ dɛ, n'ara na ɔwɔ mu a
M'awo, m'awuradze krakas
Oil na wɔdzekɔree no, ɔnyi
Na ɛnkyɛ ma ɔwɔ mu yi, ibi angua
Ibi angua, ibi angua, ibi angua
Mfantseman DCE, sei, ma menka
Kofi Wilson, yɛse ɔyɛ kalabuley
Me nipa baako, ɔse ɔtɔn cocaine
NDC nii baako yɛ a, na moakye no
NDC, adɛn nti na mogyae mo ho saa
Asɛm wei, me anka, mente aseɛ da
Ɛbi si biom a, hey, monyɛ dede
Demonstration, hey, monyɛ dede
Nana Konadu, dede no, wonka ho
Woyɛ first lady, fofie yɛnfa ho
Wofa ho a, soldier foɔ, bo a, ɛbɛbo wo
Woadi wo mmerɛ, na ɛmom, you enjoy
Na ɛmom, ɔmanpanyin, merebisa wo
NPP nii a, anka, mobɛyɛ no saa?
Ɔbanyansafoɔ, yɛbu no bɛ
Sɛ aboa bi bɛka wo a, wo ntoma mu
Ɔhɔhoɔ bɛnya wo a, kuro mu ni nim ho bi o
Hu m'ani so ma me nti na atwe mmienu nam
Nanso yankoyanko nti na kɔtɔ anya tire
Wansane, n'adanfo paa ne antrohwee
Ɔsebɔ bɛkyɛ wansane a, ɔnim ho bi
Suro nipa na gyae saman, bibinii
Asɛm pa yɛ tia, m'ano asi
NPP, nokwarɛ paa, moayɛ bi o
Freedom of speech, ah, hwɛ ne dɛ
Ama Benyiwaa Doe, ɔkasa free
Wokɔka a, ɔse, ɔno nti, na yɛresesa aban
Health insurance, ah, hwɛ ne dɛ
Police foɔ adwuma, ayɛ dɛ kɛkɛ
Armed robberies, wɔn adwuma mmom, na asɛe
Free education, daadaada, amma
Ku me prɛko, VAT, ankɔ da
Ɔman ne mu ayɛ den, manka a, na meboa
Petrol mpo deɛ, afei, yɛntumi ntɔ
Ɔmanpanyin, light bill rekɔ soro dodo
Me telephone mpo deɛ, yɛtwaa mu akyɛ
Com center foɔ rebrɛ o, yɛrebrɛ o
Bohyɛ a mohyɛhyɛɛyɛ no, ɛwɔ he
Ɛnti 2004 yi, mobɛka sɛn
Asɛm foforɔ bɛn paa na mobɛka
Kokromoti, na in be the judge
Na in be the judge

Chorus
Deɛ mobɛka biara yɛse hmm, Kofi Wayo ei
Deɛ mobɛka biara yɛse hmm, Dan Lartey
Deɛ mobɛka biara yɛse hmm
Yɛnka hwee, yɛde y'asɛm ama kokromoti
Yɛretwen ama moato o

Deɛ mobɛka biara yɛse hmm, Wereko Brobbey ei
Deɛ mobɛka biara yɛse hmm, Goosie Tanoh
Deɛ mobɛka biara yɛse hmm
Yɛnka hwee, yɛde y'asɛm ama kokromoti
Yɛretwen ama moato o

Deɛ mobɛka biara yɛse hmm, CPP foO ei
Deɛ mobɛka biara yɛse hmm, Paul Gyamfi
Deɛ mobɛka biara yɛse hmm
Yɛnka hwee, yɛde y'asɛm ama kokromoti
Yɛretwen ama moato o

© A-Plus

<< Last | Next >>