abocco2@gmail.com,

Wode me aba fie

Chorus 2x (Morris)
1, 2, mɛyi w’ayɛ
3, 4, mɛda w’ase
5, 6, mɛtonton wo o
Ɔbadesɛefo, makyinkyin mabrɛ, ɛndɛ, wode me aba fie

Verse (Esther)
Adesoa so me, me kɔn mu rebu
Makyinkyin akyinkyin ara, menya ɔboafoɔ biara
Merenya hwan koraa na wɔasoe me
Aberɛ a, mehyiaa barima Yesu Kristo, ɛndɛ ɔde me aba fie

Na mennim sɛ dua bi mu yɛ dɛ
Kɔ pem sɛ mebae Awurade fie, mede wo ayɛ me nfie
Wɔayɛ me fine fine, wɔayɛ me gyɛgyɛ
Ɛnti me nua ei, bra Nyame fie, na ɔbɛyɛ wo fine

Nyame mogya ei, ɛnti me nua ei
Fa wo dadwen ne wo haw nyinaa bra ne nkyɛn

Repeat Chorus 2x

Verse (Morris)
Ɛdeɛn ne wo haw, ɛdeɛn ne wo su
Yesu gyina w’akoma akyi rebobɔ mu
Sɛ wobɛbue no a, ɔne wo bɛto nsa adidi da biara
Sɛ nea woteɛ biara, bra Yesu nkyɛn na ɔbɛgye wo nkwa
Fa w’akoma ne wo nipadua nyinaa ara som no da
Yesu, ɔno ne akɛseɛ no
Na ɔse, me ne nea me ne

Hook 2x (Morris)
I am that I am, I am all that you need (all that you need)
I can, yes, I can, nothing too hard for me (too hard for me)
You know that you know, we really believe
Every day, (every day) every night (every night)
Of the night (of the night), I am (oh oh/ I am)

Repeat Chorus 2x

Mɛyi w’ayɛ
Mɛda w’ase
Ɔbadesɛefo, makyinkyin mabrɛ, ɛndɛ, wode me aba fie

© Esther Smith