medat,

Gye no di

Menim sɛ me su ne me haw nyinaa
Ɛbɛdane me sere
Na menim sɛ me dimafo Nyame ka me ho yi
M'anim ngu ase daa
Menim sɛ, ɔbɛtumi ayɛ
Menim sɛ me su ne me haw nyinaa
Ɛbɛdane me sere
Na menim sɛ me dimafo Nyame ka me ho yi
M'anim ngu ase daa
Menim sɛ, ɔbɛtumi ayɛ

W'atworɔ sɛ
Mesu frɛ no hia daa mu nyinaa
Ɔbɛgye me so
Na ɔbɛka nsɛm kɛseɛ ahinta
Na ɔdeakyerɛ me
Ɔyɛ wɔkyɛso Nyame a
Gye no di, menim sɛ, ɔbɛtumi ayɛ

Jesus, wo mma refrɛfrɛ wo
Te sɛ nyankonton frɛfrɛ nsuo no

Hunu sɛ wo su ne wo haw nyinaa
Ɛbɛdane wo sere
Na hunu sɛ wo dimafo Nyame ka wo ho yi
W'anim rengu ase daa
Hunu sɛ, ɔbɛtumi ayɛ
W'atworɔ sɛ
Wosu frɛ no hia daa mu nyinaa
Ɔbɛgye wo so
Na ɔbɛka nsɛm kɛseɛ ahinta
Na ɔdeakyerɛ wo
Ɔyɛ wɔkyɛso Nyame a
Gye no di yie
Hunu sɛ, ɔbɛtumi ayɛ
Hunu sɛ wo su ne wo haw nyinaa
Ɛbɛdane wo sere
Na hunu sɛ wo dimafo, wo dimafo Nyame ka wo ho yi
W'anim rengu ase daa
Hunu sɛ, ɔbɛtumi ayɛ

Gye no di, na ɔbɛtumi ayɛ ama wo (3x)
Na wɔadikan ayɛ bi ama me o
Gye no di, na ɔbɛtumi ayɛ ama wo (3x)
Yesu na w'atworɔ sɛ
Gye no di, na ɔbɛtumi ayɛ ama wo (3x)
Ɛnfa ho na deɛ ɛbɛto wo biara woate
Gye no di, na ɔbɛtumi ayɛ ama wo (3x)
Wɔadikan ayɛ bi ama me nti
Gye no di, na ɔbɛtumi ayɛ ama wo (3x)

© Esther Smith

<< Last | Next >>